verse
Sɛ wo bɛfiri bɔne mu ayɛ papa a
Nka wo bɛhunu sɛ yɛn Nyame te ase
Mahwehwɛ mu afiri me mmɔfra ase
Ɛde abeduru me mpanin mfie so
Adeɛ baako na menhunuu da ne sɛ
Me Nyankopɔn so di hwammɔ wai
verse
Woatene wo nsa w'adɔeɛ mu
Ewiase nyinaa bɛte ahunu sɛ woansi dan no a ɔdansifoɔ ye kwa oo
Wo bɔhyɛ no anya aba mu Awurade
Yɛnsom wo ehunu mu biom wai
Yɛbɛyere yɛn ho asom wo nokware mu
Ama wakyerɛ yɛn asomdwoeɛ kwan no
verse
Nhyira nka wo yɛn Nyankopɔn
Agya woako agye wo man yi
Wo ne yɛn agyanom pam apam bi na woama no aba mu
Yɛn nkyirimma yi mmerɛ so.
Ɔno ara ne yɛn twitwagyefoɔ
Ɔde nnwom foforɔ bi ahyɛ y'ano nnɛ
Yɛn Nyankopɔn dɔm barima no
verse
Yie yie yie watu adebɔneyɛfoɔ adeɛ so
Ɔhyɛ deɛ ɛkɔm de n'afuru mu
Ama atirimuodenfoɔ ahunu amane
Hwan koraa na ɔne wo sɛ Israel ɔkronkron ni eh
Wo nsa ano nnwuma kyerɛ sɛ
Obiara nni hɔ a ɔne wo sɛ Awurade
hook
Shu (jam) shu- (jam) bi-du-doo (jam)
Shu (jam) shu shu- (jam) bi-du-doo (jam)
Shu (jam) shu- (jam) bi-du-doo (jam)
Shu- (jam) bi-du- (jam) bi-doo-doo (jam, jam, jam)
chorus
Ɔbaatan pa (jam) eh w'ayɛyie (jam) ni o (jam)
Me Nyame eh (jam) woama (jam) masere (jam)
Ɔhen kɛse eh (jam) w'ayɛyie (jam) ni o (jam)
Woama (jam) m'ani- (jam) suo (jam) adane (jam) m'anigyeɛ (jam)
Jam, jam, jam, jam, jam, jam, jam, jam, jam,
Shu- (jam) bi-du- (jam) bi-doo-doo (jam, jam, jam)